1. Home
  2. Lyrics
  3. Akwaboah – Obinim (Lyrics)
Akwaboah – Obinim (Lyrics)

Akwaboah – Obinim (Lyrics)

35
0
Partager

Akwaboah – Obinim
Ɛwie yɛ no obinim oo
Obinim oo
Enti medikan aboa meho oo
Mɛ boa me ho oo
Ɛwie yɛ no obinim oo
Obinim oo
Enti medikan adɔ meho oo
Mɛdɔ meho

Abrabɔ mu nkunim die deɛ
Obiaa nni hɔ aa ɔko ma
Akokɔ mepɛ baabi ato me kosua
Agye sɛ mesore me boa me ho aa
Me boa me ho aa
Sɛ adeɛ twa me menkoaa menkoaa
Na mɛ te ne yaaa nti no
Me mpre mpre nipa nsosɔ soɔ oo
Meaa me pre masom dwie oo
Masom dwie
Firi sɛ deɛ mede me sika boa nono
Me Tɔ ataadeɛ hyɛ nono
Ɛnɛ ɔne me yaaka
Seisei mpo deɛ ɔsei me din oo
Ɔsei me din oo

Enti mewɔ ɔdɔ biaa
Medi kan adɔ meho ansa
Me wɔ mmoa bi aa medi kan aboa me ho ansa
Me wɔ ataadeɛ bi medi kan atɔ bi ahyɛ ansa
Firisɛ bebreebe aa mebrɛ yi nyinaa

Ɛwie yɛ no obinim oo
Obinim oo
Enti medikan aboa meho oo
Mɛ boa me ho oo
Ɛwie yɛ no obinim
Enti medikan adɔ meho oo
Mɛdɔ meho

Obiaa hia mmoa meaa na ɔmo frɛfrɛ
Nso edru meso aa agye nyame na mesu frɛ
Sika kɔ aa ɛne nanfo foɔ na ɛkɔ
Sika sa aa na adɔfo nso asa
Ɛmerɛ aa ɛhyɛ yanum a yeyi ma no
Saa brɛ no atwam
Sesiaa ɛhyɛ yanum aa wobɛba no
Na yawe
Wo bɛba no na ma mene
Kwabenaeee
Gyata ne kraman bo bɛfu
Nso ɔmo nyinaa ma wo hunu
Nipa bedwa wo atan wo
Na wasɛm hyɛ ne trimu
Na yɛ no adɔɔyɛ
Ɔkɔ aa ɔnsan nyi wo ayɛ
Onipa nyi ayɛ yi

Enti mewɔ ɔdɔ biaa
Medi kan adɔ meho ansa
Me wɔ mmoa bi aa medi kan aboa me ho ansa
Me wɔ ataadeɛ bi medi kan atɔ bi ahyɛ ansa
Firisɛ bebreebe aa mebrɛ yi nyinaa

[Akwaboah – Obinim Lyrics]

Visites : 1 Aujourd’hui | 35 Totales

Partager

LEAVE YOUR COMMENT

Votre adresse e-mail ne sera pas publiée. Les champs obligatoires sont indiqués avec *

Prouvez votre humanité: 6   +   3   =  

error: Droits d'auteur !!!